Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 141 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 141
Dawid dwom.

1 Awurade, misu frɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so. Sɛ misu frɛ wo a, gye me so.

2 Ma me mpaebɔ mmra wʼanim sɛ aduhuam; ma me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere afɔrebɔ.

3 Awurade, ma ɔwɛmfo nwɛn mʼano; na wɛn mʼano pon.

4 Mma wɔnntwe me koma nnkɔ nea ɛyɛ bɔne ho, na ankɔyɛ nea amumɔyɛfo yɛ no bi, mma me ne abɔnefo nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade.

5 Ma ɔtreneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamye; ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me ti so ngo. Me ti rempo. Me mpaebɔ da so tia abɔnefo nneyɛe daa.

6 Wɔbɛtow wɔn sodifo afi ɔbotan so abɛhwe fam; na amumɔyɛfo behu sɛ me nsɛm no yɛ nokware.

7 Wɔbɛka se, “Sɛnea obi funtum na otutu asase no, saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɔda ano.”

8 Nanso Otumfo Awurade, mʼani wɔ wo so; wo mu na mihintaw, nnyaw me mma owu.

9 Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no ho, mfiri a abɔnefo asunsum no.

10 Ma amumɔyɛfo no ankasa ɔtan nyi wɔn, bere a mitwa mu kɔ dwoodwoo no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan