Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 140 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 140
Dawid dwom.

1 Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam; bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam,

2 wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma mu na wɔhwanyan ɔko mu da biara.

3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de; nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano.

4 Awurade, yi me fi amumɔyɛfo nsam; bɔ me ho ban fi basabasayɛfo a wodwen sɛ wobetwintwan mʼanan mu no ho.

5 Ahantanfo asum me afiri; wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama mu wɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so.

6 Awurade, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.” Awurade, tie me mmɔborɔsu.

7 Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo, wokata me ti so wɔ ɔko da,

8 nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade; mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye.

9 Wɔatwa me ho ahyia, nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.

10 Ma nnyansramma ngu wɔn so; ma wɔntow wɔn ngu ogya mu, ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio.

11 Mma dinsɛefo ase ntim asase no so; ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo.

12 Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntrenee na odi onnibi asɛm ma no.

13 Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo din na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan