Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 14 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 14
Dawid dwom.

1 Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

2 Awurade fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.

4 Enti abɔnefo rensua nyansa ana? Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan. Wonnsu mfrɛ Awurade?

5 Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn, efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu.

6 Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe, nanso, Awurade ne wɔn guankɔbea.

7 Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn. Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan