Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 137 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 137

1 Babilonia nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtena suu bere a yɛkaee Sion no.

2 Ɛhɔ konkɔn so nnua mu na yɛde yɛn asanku sensɛnee,

3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafo kaa se yɛnto nnwom, yɛn ahohiafo hwehwɛɛ anigye nnwom fii yɛn nkyɛn; wɔkae se, “Monto Sion nnwom baako nkyerɛ yɛn!”

4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom, bere a yɛwɔ ananafo asase so?

5 Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo a ma me nsa nifa werɛ mfi sankubɔ.

6 Sɛ mankae wo a, ma me tɛkrɛma nka ntare mʼanom sɛ mamfa Yerusalem sɛ mʼanigyede kɛse pa ara a.

7 Kae, Awurade, nea Edomfo yɛɛ da a Yerusalem hwee ase no. Wɔteɛɛ mu se, “Munnwiriw, munnwiriw ngu fam nkɔka ne fapem!”

8 Ɔbabea Babilonia, wɔadome wo akɔ ɔsɛe mu, nea otua wo ka bio ani gye wɔ nea wode ayɛ yɛn no ho.

9 Nea ɔkyere wo nkokoaa de wɔn dwiradwira abotan no ani gye.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan