Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 133 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 133
Ɔsoroforo dwom. Dawid de.

1 Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bɔ mu tena faako!

2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na esian kogu bɔgyesɛ mu, esian kogu Aaron bɔgyesɛ mu, ma bi kogu nʼatade kɔn mu.

3 Ɛte sɛ Hermon bosu a ɛtɔ gu Bepɔw Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a to ntwa da no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan