Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 13 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 13
Dawid dwom.

1 Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana? Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?

2 Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa? Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?

3 Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.

4 Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.

5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu.

6 Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ ɔne me adi no yiye. Wɔde ma dwonkyerɛfo no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan