Nnwom 128 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 128 Ɔsoroforo dwom. 1 Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade, na wɔnantew nʼakwan so. 2 Wubedi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de. 3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba wɔ wo fi; na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi atwa wo pon ho ahyia. 4 Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira onipa a osuro Awurade no. 5 Awurade nhyira wo mfi Sion na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ; wo nkwanna nyinaa. 6 Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma. Asomdwoe nka Israel. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.