Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 127 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 127
Ɔsoroforo dwom. Salomo de.

1 Sɛ Awurade ansi ɔdan no a, adansifo no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa.

2 Sɛ wosɔre anɔpahema na wotena kosi anadwo, na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a, ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.

3 Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a efi no.

4 Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.

5 Nhyira ne onipa a nʼagyan kotoku ayɛ ma. Nʼanim rengu ase bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan