Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 124 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 124
Ɔsoroforo dwom. Dawid de.

1 Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka,

2 Sɛ anka Awurade nni yɛn afa bere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so,

3 bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn a anka wɔmemenee yɛn anikann;

4 anka nsuyiri no bebu afa yɛn so, anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ,

5 anka nsu a ano yɛ den no bɛpra yɛn kɔ.

6 Ayeyi nka Awurade a wamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu.

7 Yɛaguan sɛ anomaa afi ofirisumfo afiri mu; wɔabubu afiri no, ama yɛaguan.

8 Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfo no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan