Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 123 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 123
Ɔsoroforo dwom.

1 Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahengua si ɔsoro.

2 Sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛnea afenaa ani hwɛ nʼawuraa nsa no no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn kosi sɛ obehu yɛn mmɔbɔ.

3 Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, hu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtiaa bebree.

4 Ahomasofo fɛwdi ama yɛabrɛ dodo, ahantanfo animtiaabu afono yɛn.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan