Nnwom 122 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 122 Ɔsoroforo dwom. Dawid de. 1 Me ne wɔn a wosee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei. 2 Yegyinagyina wʼaponkɛse ano, Yerusalem. 3 Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔn wahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ. 4 Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ, Awurade mmusuakuw no, Wɔkɔkamfo Awurade din, sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te. 5 Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi, Dawid fi nhengua no. 6 Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ. 7 Ma asomdwoe mmra wʼafasu mu na bammɔ mmra wʼaban mu.” 8 Me nuanom ne me nnamfonom nti, mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.” 9 Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti, mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.