Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 121 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 121
Ɔsoroforo dwom.

1 Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me mmoa fi bɛba?

2 Me mmoa fi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfo no.

3 Ɔremma wo nan nwatiri, nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.

4 Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel no rentɔ nko na ɔrenna.

5 Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so;

6 Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu, na ɔsram nso rensɛe wo anadwo.

7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

8 Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so mprempren ne daa.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan