Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 120 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 120
Ɔsoroforo dwom.

1 Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ogye me so.

2 Awurade, gye me fi atoro ano, ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.

3 Dɛn na ɔbɛyɛ wo, na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?

4 Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam ne nnyansramma bɛtwe wʼaso.

5 Nnome nka me sɛ metena Mesek, na mete Kedar ntamadan mu!

6 Matena wɔn a wokyi asomdwoe mu akyɛ dodo.

7 Meyɛ asomdwoe nipa; nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan