Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 114 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 114

1 Bere a Israelfo fii Misraim, na Yakobfifo fii ananafo asase so no,

2 Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼaheman.

3 Po no hwɛe, na eguanee, Yordan san nʼakyi;

4 Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, nkoko nso huruhuruwii sɛ nguantenmma.

5 Dɛn na ɛbae, ɛpo, na wuguanee? Yordan, adɛn, na wosan wʼakyi?

6 Mmepɔw, adɛn, na muhuruhuruw sɛ adwennini, na mo nkoko, muhuruhuruw sɛ nguantenmma yi?

7 Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Nyankopɔn anim,

8 ɔno na ɔmaa ɔbotan no dan asubura, na ɔbotan dennen dan nsuwa aniwa no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan