Nnwom 113 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 113 1 Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no, monkamfo Awurade din. 2 Momma wɔnkamfo Awurade din, mprempren ne daa nyinaa. 3 Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din. 4 Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanuonyam tra ɔsorosoro. 5 Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro, 6 ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase? 7 Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu na ɔma onnibi so fi nso siw so; 8 ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu. 9 Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi sɛ ɔbeatan a nʼani gye. Monkamfo Awurade. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.