Nnwom 110 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 110 Dawid dwom. 1 Awurade ka kyerɛɛ me Wura se, “Tena me nifa so kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wʼanan ase ntiaso.” 2 Awurade bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion; na wubedi hene wɔ wʼatamfo so. 3 Wʼasraafo beyi wɔn koma mu da a wobɛkɔ ɔsa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade na wo mmabun bɛba wo nkyɛn sɛnea obosu gugu anɔpahema. 4 Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem sɔfo sɛ Melkisedek sɛso.” 5 Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no. 6 Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano; na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa. 7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu enti obedi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.