Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 10 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 10

1 Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa? Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi?

2 Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo, wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no.

3 Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho; ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi.

4 Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade; ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee.

5 Nʼakwan nyinaa mu odi yiye; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho; na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw.

6 Ɔka kyerɛ ne ho se: “Hwee remma minhinhim; mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”

7 Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.

8 Ɔtɛw bɛn nkuraa no; ofi ahintawee kum nea onnim hwee, ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no.

9 Ɔte sɛ gyata a wahintaw; ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu.

10 Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw; na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.

11 Ɔka kyerɛ ne ho se, “Onyankopɔn werɛ afi; wayi nʼani afi so na onhu.”

12 Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Onyankopɔn. Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo.

13 Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi? Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se, “Ɔremfrɛ me akontaabu so?”

14 Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ ayisaa boafo.

15 Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw; frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa, nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no.

16 Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa; amanaman no bɛyera nʼasase so.

17 Awurade, wutie mmɔborɔfo adesrɛ; wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ,

18 na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase mu renhunahuna bio. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan