Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 7 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Ɔbeawaresɛefo Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛde wɔ wo mu.

2 Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.

3 Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.

4 Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,” na frɛ ntease wo busuani;

5 Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho, afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.

6 Me fi mfɛnsere ano, mede mʼani faa mfɛnsere mu.

7 Mihuu wɔ ntetekwaafo mu, mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow, ɔbabun a onni adwene.

8 Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so a nʼani kyerɛ ɔbea no fi

9 bere a onwini redwo, na anim rebiribiri no.

10 Afei ɔbea bi fi behyiaa no a wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu.

11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena fie koraa;

12 nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea, ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.)

13 Osoo ne mu few nʼano, wamfɛre, na ɔkae se,

14 “Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie; nnɛ madi me bɔhyɛ so.

15 Enti mebae sɛ merebehyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahu wo!

16 Mato me mpa, mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim.

17 Mede nnuhuam apete me mpa so: kurobow, pɛprɛ ne dupapo.

18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa;

19 Me kunu nni fie; watu kwan na ɔbɛkyɛ.

20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.”

21 Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa; ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae.

22 Odii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii, anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu

23 kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.

24 Na afei, me mma, muntie me; monyɛ aso mma nea meka.

25 Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so na momman mmfa nʼakwan so.

26 Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

27 Ne fi yɛ ɔda tempɔn a ɛkɔ owu pia mu.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan