Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 4 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Pere Hwehwɛ Nyansa

1 Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso na moanya ntease.

2 Mema mo adesua a ɛkɔ anim, enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.

3 Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima, meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho.

4 Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se, “Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm, di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa.

5 Nya nyansa, nya ntease; mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho.

6 Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban; dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.

7 Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa. Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease.

8 Di no ni na ɛbɛma wo so; yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam.

9 Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti so na wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.”

10 Me ba, tie na fa nea meka no, na wo nkwanna bɛyɛ bebree.

11 Mɛkyerɛ wo nyansa kwan so na mede wo afa akwan a ɛteɛ so.

12 Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waa na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.

13 Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu, bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa.

14 Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan so na nnantew abɔnefo kwan so.

15 Kwati no, ntu kwan mfa so; dan fi so na kɔ wo kwan.

16 Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna; na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

17 Wodi amumɔyɛsɛm brodo, na wɔnom kitikitiyɛ nsa.

18 Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan, ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee.

19 Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii; wonnim nea ɛma wohintiw.

20 Me ba, yɛ aso ma nea meka; tie me nsɛm no yiye.

21 Mma emfi wʼani so, fa sie wo koma mu;

22 efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu ne akwahosan ma nipadua no nyinaa.

23 Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban, efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.

24 Mma oburu kasa mfi wʼano; mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.

25 Hwɛ wʼanim tee, na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so.

26 Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼanan na fa akwan a atim so.

27 Mman mfa nifa anaa benkum; twe wo nan fi bɔne ho.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan