Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛe

1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no, efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

2 Wɔn ani bere mfuw, na wogye. Na afi nso wɔfa. Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi, na wɔn agyapade nso wogye.

3 Enti, sɛnea Awurade se ni, “Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho na worentumi nyi wo ho mfi mu. Worentumi nnantew ahantan so bio, efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne.

4 Saa da no, nnipa bɛserew mo. Wɔde saa awerɛhow dwom yi bedi mo ho fɛw se: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu. Ogye fi me nsam! Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ ”

5 Enti morennya obi wɔ Awurade asafo mu a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.


Atoro Adiyifo

6 “Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka. “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm; animguase rento yɛn.”

7 Mo Yakobfi, so wɔnka se, “Awurade Honhom nni boasetɔ ana? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana? “Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛ no yiye ana?

8 Akyiri no me nkurɔfo asɔre te sɛ ɔtamfo. Moworɔw ntade pa fi wɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono.

9 Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu fi wɔn afi afɛɛfɛ mu. Mugye me nhyira fi wɔn mma nsam afebɔɔ.

10 Sɔre, fi ha kɔ! Ha nyɛ faako a wɔhome, efisɛ ho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio.

11 Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.”


Ogye Ho Bɔhyɛ

12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob; nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu, te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya.

13 Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim; wobebu apon no na wɔafi akɔ. Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan