Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika bere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade wɔ Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho.

2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, muntie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfo Awurade redi adanse atia mo, ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.


Atemmu A Etia Samaria Ne Yerusalem

3 Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba; ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.

4 Mmepɔw nan wɔ nʼase, aku mu paapae te sɛ ama a aka ogya, te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so.

5 Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti. Yakob nnebɔne ne dɛn? Ɛnyɛ Samaria ana? Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem ana?

6 “Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw, baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. Mehwie nʼabo agu obon mu ama ne fapem ho ada hɔ.

7 Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin; wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa. Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa. Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa, onya fii nguamanfo akatua mu no nti wɔde bɛma nguamanfo.”


Osu Ne Awerɛhow

8 Eyinom nti mesu atwa agyaadwo; mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa. Mɛworo so sɛ odompo na masu sɛ patu.

9 Nʼapirakuru no wu ayɛ den; abedu Yuda. Abedu me nkurɔfo pon ano mpo adu Yerusalem ankasa.

10 Monnka no wɔ Gat munnsu koraa Mo a mowɔ Bet-Leafra de, monyantam mfutuma mu.

11 Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu, mo a mote Safir. Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue. Bet-Esel wɔ awerɛhow mu; efisɛ, wo hɔ na onya ne bammɔ.

12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mu de twɛn mmoa, efisɛ amanehunu a efi Awurade hɔ aba abedu Yerusalem pon ano.

13 Mo a mote Lakis, munsiesie nteaseɛnam no. Mone bɔne farebae ma Ɔbabea Sion, na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

14 Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat, Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo.

15 Mede nkonimdifo bɛtoa mo; mo a mote Maresa. Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo no bɛba Adulam.

16 Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow, wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho; mommɔ tikwaw te sɛ opete, efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛn akɔ nnommum mu.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan