Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Hosea Ne Ne Yere Nkabom

1 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no san bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforo bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefo. Dɔ no, sɛnea Awurade da so dɔ Israel, a mpo, nnipa no dan wɔn ho kɔ anyame afoforo nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba tetare no.”

2 Enti mede gram ɔha aduoson baako (171) ne atoko lita ɔha aduɔwɔtwe abien (182) ne atoko lita aduɔkron baako kɔpataa no.

3 Na meka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wo ne me tena nna bebree, na wugyae wʼaguamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wo renna.”

4 Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔremmɔ afɔre. Wɔrenhu ɔbosom dum anaa asɔfotade anaa ahoni nso wɔ hɔ.

5 Akyiri yi, Israelfo bɛsan akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn hene no. Wɔde ahopopo bɛba Awurade nkyɛn na wobenya ne nhyira wɔ nna a edi akyiri no mu.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan