Hosea 14 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmAhonu De Nhyira Ba 1 Israel, san wʼakyi kɔ Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn. Wʼasehwe fi wo bɔne! 2 Fa wo nsɛm a wowɔ san kɔ Awurade nkyɛn. Ka kyerɛ no se, “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, na fa ahummɔbɔ gye yɛn, na yɛatumi ayi wo ayɛ. 3 Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofo apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’ nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.” 4 “Mɛsa wɔn asoɔden yare. Mefi me koma mu adɔ wɔn, efisɛ mʼabufuw nni wɔn so bio. 5 Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel. Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ sukooko. Te sɛ Lebanon sida no, ɔde ne ntin betim fam; 6 ne mman bɛdennan. Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngodua, na ne hua ayɛ sɛ Lebanon sida. 7 Nnipa bɛtena ne nwini ase bio. Obenyin ayɛ frɔmfrɔm te sɛ aburow. Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ bobe, na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsa a efi Lebanon. 8 Efraim dɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio? Megye no so na mʼani aku ne ho. Mete sɛ dua a nʼahaban mpo; sɛ wobɛsow aba a, egyina me so.” 9 Hena ne onyansafo? Obehu eyinom mu. Hena na ɔwɔ nhumu? Ɔbɛte eyinom ase. Awurade akwan teɛ. Atreneefo nantew so, nanso asoɔdenfo hintiw wɔ mu. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.