Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 23 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Hiob Mmuae

1 Na Hiob buae se,

2 “Nnɛ mpo, mʼanwiinwii mu da so yɛ den; ne nsa ayɛ den, mʼapinisi nyinaa akyi.

3 Sɛ minim baabi a mehu no; anaasɛ metumi akɔ ne tenabea a

4 anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim na magye akyinnye bebree.

5 Anka mɛte mmuae a ɔde bɛma me, na madwen nea ɔbɛka ho.

6 Ɔbɛsɔre atia me dennen ana? Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.

7 Ɛhɔ de, nnipa trenee betumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, na wobegye me afi me temmufo nsam afebɔɔ.

8 “Nanso sɛ mekɔ apuei fam a onni hɔ; sɛ mekɔ atɔe fam nso a minhu no.

9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a minhu no; sɛ ɔdan ne ho kɔ anafo fam a, mʼani nhye ne ho.

10 Nanso onim ɔkwan a menam so; na sɛ ɔsɔ me hwɛ a mepue sɛ sikakɔkɔɔ.

11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; na manantew nʼakwan so a mamman.

12 Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho, mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan.

13 “Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

14 Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me; ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree.

15 Ɛno nti na mebɔ hu wɔ nʼanim; na sɛ midwen eyinom nyinaa ho a, misuro no.

16 Onyankopɔn ama me koma abotow; Otumfo ama mabɔ huboa.

17 Nanso sum no mma menka mʼano nto mu, sum kabii a ɛkata mʼanim no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan