Hiob 11 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmSofar Mmuae A Edi Kan 1 Na Naamani Sofar buae se, 2 “Ɛnsɛ sɛ woyi saa nsɛm yi ano ana? Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔkasafo yi bem ana? 3 Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm ana? Sɛ wudi fɛw a obiara nka wʼanim ana? 4 Woka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Me gyidi ho nni asɛm na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’ 5 Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa, anka ɔnkasa ntia wo 6 na ommue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo, efisɛ nyansa turodoo yɛ afanu. Hu sɛ Onyankopɔn werɛ afi wo bɔne no bi mpo. 7 “Wubetumi ate Onyankopɔn anwonwade ase ana? Wubetumi abɔre ahu nea Otumfo no tumi kɔpem ana? 8 Ɛkorɔn sen ɔsoro, dɛn na wubetumi ayɛ? Emu dɔ sen ɔda ase tɔnn, dɛn na wubetumi ahu? 9 Ne nsusuwii mu ware sen asase na ɛtrɛw sen po. 10 “Sɛ ɔba de wo bɛto afiase ansa na osi nkongua a, hena na obetumi asiw no kwan? 11 Ampa ara ohu nnipa nnaadaafo; na sɛ ohu bɔne a, ɔnhyɛ ne nsow ana? 12 Nanso ogyimifo rentumi nyɛ onyansafo da na wɔawo afurum ba sɛ onipa. 13 “Na sɛ wode wo koma ma no na wopagyaw wo nsa kyerɛ no, 14 sɛ wugyaa bɔne a wukura no mu na woamma amumɔyɛ antena wo ntamadan mu a 15 ɛno de, bɔne nni wo ho, wobɛma wo ti so; wubegyina pintinn a worensuro. 16 Wo werɛ befi wʼahokyere, na wɔbɛkae no sɛ nsu a asen kɔ. 17 Abrabɔ bɛhyerɛn asen owigyinae, na sum bɛyɛ sɛ adekyee hann. 18 Wubenya bammɔ, efisɛ anidaso wɔ hɔ; wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoe mu. 19 Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo, na bebree bɛhwehwɛ mmoa afi wo nkyɛn. 20 Amumɔyɛfo ani befura, wɔrentumi nguan; na wɔn anidaso bɛdan owu ahomegu.” |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.