Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hagai 1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Asɔredansi Ho Nkaebɔ

1 Ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, Awurade nam Odiyifo Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua.

2 Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Nnipa no reka se, ‘Bere no nya nnuu sɛ wosi Awurade fi no.’ ”

3 Afei, Awurade de saa asɛm yi faa Odiyifo Hagai so:

4 “Saa bere yi a me fi yi abubu yi na mo de, motete mo afi a wɔaduradura mu yi ana?”

5 Asɛm a, Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye.

6 Muduaa bebree, nanso mutwaa kakraa bi. Mudidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntade, nanso ɛnka mo hyew. Munya akatua, na mode gu sika nkotoku a wɔatutu mu atokuru mu.”

7 Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye.

8 Afei momforo nkɔ nkoko no atifi, na momfa nnua mmra mmesi me fi no. Na mʼani begye ho, na wɔahyɛ me anuonyam.” Saa na Awurade ka.

9 “Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mihuw gui. Dɛn ntia?” Efisɛ, “me fi abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “bere a mo ani abere resisi mo afi no.

10 Mo nti na ɔsoro akyere obosu agyina, na asase nso akyere mo nnɔbae.

11 Mahyɛ ɔpɛ sɛ, ensi mo mfuw ne nkoko so; ɔpɛ a ɛbɛhyew mo atoko ne mo bobe ne mo ngodua ne mo nnɔbae, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ebesi mo ne mo anantwi mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.”


Nkaebɔ No Sodi

12 Na Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no tiee asɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Odiyifo Hagai a Awurade, wɔn Nyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade.

13 Na Hagai, Awurade somafo no, de saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn maa nkurɔfo no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade se.

14 Ɛno nti, Awurade kanyan Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no nyinaa. Wobefii wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn, fi no ase,

15 wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so asia no da a ɛto so aduonu anan no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan