Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Amos 3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Wɔfrɛ Nnansefo Tia Israel

1 Muntie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa:

2 “Mo nko ara na mayi mo wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; enti mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho.”

3 Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew, wɔ bere a wɔnyɛɛ nokoro ana?

4 Gyata bobɔ mu wɔ ɔdɔtɔ ase wɔ bere a onhuu hanam biara ana? Ɔbobɔ mu wɔ ne tu mu wɔ bere a ɔnkyeree hanam biara ana?

5 Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam wɔ baabi a wonsum afiri ana? Afiri huan konkɔn hɔ wɔ bere a enyii aboa ana?

6 Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo ana? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana?

7 Ampa ara, Otumfo Awurade nyɛ biribi a ɔnna ne nhyehyɛe adi nkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no.

8 Gyata no abobɔ mu, hena na onnsuro? Otumfo Awurade akasa, hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm?

9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.”

10 “Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,” sɛnea Awurade se ni. “Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia sie wɔ wɔn aban mu.”

11 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se, “Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so; Obebubu mo bammɔ agu, na wɔafow mo aban.”

12 Nea Awurade se ni: “Sɛnea oguanhwɛfo gye anan abien nnompe anaa aso sin pɛ fi gyata anum no, saa ara na wobegye Israelfo nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu wɔ Damasko no.”

13 “Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni.

14 “Da a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El; wobetwitwa afɔremuka no mmɛn na abu ahwe fam.

15 Medwiriw awɔwbere mu ofi ne ahuhurubere mu ofi agu; na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no na afi akɛse no nso wobebubu agu,” sɛnea Awurade se ni.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan