Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 15 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Ɔyaredɔm

1 Mihuu ade foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfo baason a wokura ɔhaw ason a ɛno ne ɔhaw a etwa to, efisɛ ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuw a etwa to no.

2 Afei mihuu biribi te sɛ ahwehwɛ po a wɔde ogya afra redɛw. Afei mihuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso honi ne nea wɔde agyirae asi ne din anan mu no so nkonim. Na wogyinagyina ahwehwɛ po no ho a wokurakura asanku a Onyankopɔn de ama wɔn no.

3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose ne Oguamma no dwom se, “Awurade, Otumfo Nyankopɔn, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa Amansan hene, wʼakwan teɛ na ɛyɛ nokware.

4 Hena na ɔrensuro wo, Awurade? Hena na ɔrenka wo kɛseyɛ? Wo nko na woyɛ kronkron. Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, efisɛ obiara ahu wo nnwuma trenee no.”

5 Eyi akyi no, mihuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ Kronkron mu Kronkron no abue a adanse ntamadan si mu.

6 Abɔfo baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw ason mmra no pue fii asɔredan no mu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔso wɔ wɔn koko so.

7 Afei ateasefo baanan no mu baako maa abɔfo baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa ason a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no ma.

8 Wusiw a efi Onyankopɔn anuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ ɔhaw ason a abɔfo baason no de bae no to twae.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan