Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Nnipakan

1 Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ Sinai nweatam so. Eyi sii wɔ mfe abien a Israelfo fii Misraim no akyi, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan. Ɔkae se:

2 “Gyina Israelfo no mmusuakuw ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Kyerɛw ɔbarima biara din.

3 Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfe aduonu no ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa.

4 Ɔbarima a ofi abusuakuw biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɛsɛ sɛ ɔboa mo.

5 “Mmarima a wɔbɛboa mo no din ni: “Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur;

6 Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel;

7 Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Aminadab babarima Nahson;

8 Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Suar babarima Netanel;

9 Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Helon babarima Eliab;

10 Yosef mmabarima no: Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Amihud babarima Elisama; Manase abusuakuw no ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel;

11 Benyamin abusuakuw ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan;

12 Dan abusuakuw ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser;

13 Aser abusuakuw ntuanoni ne Okran babarima Pagiel;

14 Gad abusuakuw ntuanoni ne Deguel babarima Eliasaf;

15 Naftali abusuakuw ntuanoni ne Enan babarima Ahira.”

16 Eyinom ne mmarima a woyii wɔn fii nnipa no mu, a wɔyɛ wɔn agyanom mmusua no ntuanofo.

17 Mose ne Aaron faa saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi,

18 na da a edi kan wɔ ɔsram a ɛto so abien no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfo no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn anato na wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa no din mmaako mmaako,

19 sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai sare so.

20 Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te.

21 Nnipa dodow a wofi Ruben abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan asia ne ahannum (46,500).

22 Simeon asefo: Mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te.

23 Nnipa dodow a wofi Simeon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300).

24 Gad asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.

25 Nnipa dodow a wofi Gad abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650).

26 Yuda asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.

27 Nnipa dodow a wofi Yuda abusuakuw no mu no yɛ mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600).

28 Isakar asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.

29 Nnipa dodow a wofi Isakar abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum anan ne ahannan (54,400).

30 Sebulon asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.

31 Nnipa dodow a wofi Sebulon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum ason ne ahannan (57,400).

32 Yosef mmabarima no: Efraim asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.

33 Nnipa dodow a wofi Efraim abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500).

34 Manase asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.

35 Nnipa dodow a wofi Manase abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa abien ne ahannu (32,200).

36 Benyamin asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.

37 Nnipa dodow a wofi Benyamin abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa anum ne ahannan (35,400).

38 Dan asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.

39 Nnipa dodow a wofi Dan abusuakuw no mu no yɛ mpem aduosia abien ne ahanson (62,700).

40 Aser asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.

41 Nnipa dodow a wofi Aser abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan baako ne ahannum (41,000).

42 Naftali asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.

43 Nnipa dodow a wofi Naftali abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).

44 Eyinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuw dumien no ntuanofo kan wɔn.

45 Israelfo a na wɔadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa no a wobetumi adɔm Israel asraafodɔm no nso, wogyinaa wɔn mmusua so kan wɔn.

46 Na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ahansia ne abiɛsa ne ahannum aduonum (603,550).

47 Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuw no de, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho.

48 Na Awurade aka akyerɛ Mose se,

49 “Nkan Lewifo abusuakuw no, na mfa wɔn nka Israelfo a wɔaka no ho.

50 Fa Ahyiae Ntamadan no ho dwumadi hyɛ Lewifo no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne nea ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne mu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho.

51 Bere biara a ɛsɛ sɛ wotu Ahyiae Ntamadan no, Lewifo no na ɛsɛ sɛ wotutu, na baabiara a wɔde besi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforo biara a ɔbɛbɛn ho no, wobekum no.

52 Israel abusuakuw biara benya ne tenabea ne ne frankaa.

53 Lewifo no besisi wɔn ntamadan atwa Ahyiae Ntamadan no ho ahyia, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew remma Israelfo no so. Lewifo no na wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no so.”

54 Israelfo no yɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan