Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 12 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Awo Akyi Ahodwira

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se,

2 ‘Sɛ ɔbea bi wo ɔbabarima a, ne ho ntew nnanson, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara.

3 Ne nnaawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wotwa abarimaa no twetia.

4 Na nnafua aduasa abiɛsa a ɛda nʼanim a ɔde retew ne ho no, ɛnsɛ sɛ oso biribiara a ɛyɛ kronkron mu na onni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso.

5 Sɛ ɔbea bi wo ɔbabea a, ne ho ntew nnaawɔtwe abien, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia asia ma ne ho twa.

6 “ ‘Sɛ saa ahotew nna yi twa mu a, ɛsɛ sɛ ɔde oguamma a wadi afe bɛbɔ ɔhyew afɔre na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔre. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiae Ntamadan no ano kɔma ɔsɔfo no.

7 Na ɔsɔfo no de wɔn bɛma Awurade de ayɛ mpata ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho tew bio wɔ nʼawo mu mogyagugu ho. “ ‘Eyinom ne awo akyi ahyɛde.

8 Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma no a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien ba. Wɔde ɔbaako bɛbɔ ɔhyew afɔre na wɔde ɔbaako abɔ bɔne ho afɔre. Ɔsɔfo no bɛfa saa kwan yi so ayɛ mpata ama no, sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtew bio.’ ”

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan