Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 35 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Homeda Ho Mmara

1 Afei, Mose frɛɛ Israelmma nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ mudi so.

2 Monyɛ adwuma nnansia. Na da a ɛto so ason no de, momfa nhome; ɛyɛ da kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, ɛsɛ sɛ wokum no.

3 Da no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afi mu.”

4 Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ ni:

5 Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔde yi mu biara mmrɛ Awurade: “Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae;

6 ntama a wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan ayɛ ne abirekyi nwi,

7 odwennini nwoma a wɔahyɛ no aduru kɔkɔɔ ne abirekyi nwoma a wɔahyɛ, ɔkanto dua;

8 ngo a wɔde begu akanea no mu, ɔhyew nnuhuam a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne; ɔhyew aduhuam;

9 abo a ɛte sɛ apopobibiri ne abo a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo no mu.

10 “Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribiyɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ nea Awurade aka no nyinaa te sɛ:

11 “Ahyiae Ntamadan no so ntama ne ne nkataso, nkɔtɔkoro, mpuran nnua a esisi mu, adum ne nnyinaso;

12 Apam Adaka no ne nnua a esisi ho; Mpata agua ntwamtam a ɛkata kronkronbea hɔ,

13 ɔpon ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Ɔkyerɛ Brodo;

14 akanea nnua ne nʼakanea ne ngo;

15 aduhuam afɔremuka ne nnua a wɔde bɛsoa; ɔsrango ne aduhuam a eyi hua pa, nsɛnanim a wɔde bɛsɛn Ahyiae Ntamadan no pon ano;

16 kɔbere Afɔremuka a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre, kɔbere ntwitae ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma, ne nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu,

17 adiwo hɔ no ntwamtam, adum ne ne nnyinaso, ntama a wɔde bɛkata adiwo hɔ kwan ano,

18 Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ nnua ne ne ntampehama,

19 asɔfotade a ɛyɛ fɛ a ɔsɔfo no bɛhyɛ asɔre wɔ kronkronbea hɔ ne Aaron ntade kronkron a sɛ ne mmabarima no yɛ asɔfodwuma a, wɔbɛhyɛ bi.”

20 Na Israelmma nyinaa fii Mose anim,

21 na wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn koma no de wɔn akyɛde a wɔde besi Ahyiae Ntamadan no ne ɛho nneɛma ne nea wɔde bɛpam atade kronkron no bae.

22 Mmea ne mmarima a asɛm no kaa wɔn koma no nyinaa bae. Wɔde sikakɔkɔɔ, agude, nsonkaa, nkaa, kɔnmuade ne sika adwinne bebree brɛɛ Awurade.

23 Wɔn a wɔwɔ ntama pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibiri, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, odwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nwoma a ɛyɛ fɛ nso de bae.

24 Afoforo nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛde. Ebinom de ɔkanto nnua nso bae.

25 Mmea no bi a wonim adepam yiye no too asaawa tuntum, bibiri ne koogyan de yɛɛ ntama a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade.

26 Afoforo nso de anigye nam wɔn dom akyɛde so de abirekyi nwi yɛɛ ntama.

27 Mpanyimfo a wodi wɔn anim no de abo a ɛte sɛ apopobibiri bae sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo.

28 Wɔde nnuhuam ne ngo a wɔde begu akanea mu ne nea wɔde bɛfra ɔsrango no ne nnuhuam no ama adi mu no nso bae.

29 Eyi di ho adanse sɛ Israel mmarima ne mmea a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadi a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no fi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛde brɛɛ no.

30 Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu nena

31 no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde besi Ahyiae Ntamadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu.

32 Obetumi adi adwinni afi sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu.

33 Obetumi adi abo adwinni na obetumi asen nnua nso; nokware mu, ɔwɔ ɔdom akyɛde bebree.

34 Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusuakuw mu babarima ɔdom akyɛde a wɔnam so kyerɛ afoforo ade.

35 Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛde sononko sɛ adwumfo, duadwumfo, adenwenfo a wotumi nwen nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan mu. Wonim saa adwinne yi nyinaa di ma ɛboro so.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan