Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 27 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Yotam Di Yudahene

1 Yotam dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa.

2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea nʼagya Usia yɛe no. Yotam de, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛnea nʼagya yɛe no. Nanso ɔmanfo no toaa wɔn nnebɔneyɛ so.

3 Yotam san yɛɛ Atifi Pon a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, na ɔsan yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasu a ɛwɔ Ofel bepɔw so no.

4 Ɔkyekyeree nkurow wɔ Yuda mmepɔw asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeaemmeae a wɔadua nnua.

5 Yotam tuu Amonfo so sa, dii wɔn so nkonim. Mfe abiɛsa a edi kan no de, ogyee wɔn sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn 3.4, awi susukoraa mpem aduonum ne atoko susukoraa mpem aduonum.

6 Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛse, efisɛ ɔde ahwɛyie yɛɛ osetie maa Awurade, ne Nyankopɔn.

7 Yotam ahenni ho nsɛm nkae a nʼakodi ne ne nneyɛe ahorow ka ho no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda ahemfo nhoma mu.

8 Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia.

9 Yotam wui no, wosiee no Dawid kurom. Ne babarima Ahas, na odii nʼade sɛ ɔhene.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan