Filipifoɔ nwoma INTRO1 - Apam FoforɔNNIANIMU Paulo twerɛɛ krataa yi de kɔmaa Filipi asafo he; yei ne asafo a odi kane a obiee no ya amannɔne ya Romafoɔ mantam a bɛfrɛ no Makedonia. Somafoɔ Paulo twerɛɛ no berɛ a na ɔyɛ deduani na Akristofoɔ adwumayɔfoɔ bi nso asɔre atia no. Nkyerɛkyerɛ bɔne a na ɔɔkɔ so ya Filipi asafo he mu yɛ adeɛ a na ɔha no yie. Nso krataa yi mu anigyeɛ ne awerɛhyɛmu a ɔda adi yɛ adeɛ a Paulo gyidie kɛseɛ a ɔwɔ ya Yesu Kristo mu nkoaa ne betumi akyerɛ aseɛ. Botae a odi kane a ɔde twerɛɛ krataa yi ne sɛ, ɔbɛda ase ya akyɛdeɛ a Filipi akristofoɔ soma ma bɛde braa no berɛ a na ɔya ahohiahia mu. Ɔfaa saa kwane yi so hyɛɛ bɛ nkurane sɛdeɛ bebetumi anya akokoɔduro ne awerɛhyɛmu ya bɛ ne n’ankasa amanehunu mu. Ɔsrɛɛ bɛ sɛ bɛmfa Kristo ahobrɛaseɛ su he bi, na bɛmma pɛsɛmenkomenya ne ahantan nni bɛ so. Ɔkae bɛ sɛ bɛ ne Kristo nkabom he yɛ akyɛdeɛ a ofiri Nyankopɔn adom mu a bɛnam gyidie so ne anya. Yei deɛ, omfiri setie a bɛyɛ ma Yudafoɔ mmara ne bɛ som mu. Ɔtwerɛ fa anigyeɛ ne asomdwie a Nyankopɔn de ma bɛ a bɛaka bɛ abom ya Kristo mu. Deɛ Krataa yi si so dua paa yɛ anigyeɛ, awerɛhyɛmu, nkabom, ne boasetɔ a ya Kristosom gyidie ne asetena mu. Ɔsane yi Paulo dɔ a ɔwɔ ma Filipi asafo he adi. MU NSƐM Nsɛm a odi kane 1:1-11 Paulo tebea a wakɔ mu 1:12-26 Kristo mu abrabɔ 1:27—2:18 Nhyehyɛeɛ a ɔya hɔ ma Paulo ne Epafrodito 2:19-30 Atamfoɔ ne deɛ ɔyɛ hu ho kɔkɔbɔ 3:1—4:9 Paulo ne ne nnamfonom a bɛyɛ Filipifoɔ 4:10-20 Awieeɛ 4:21-23 |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana