Biblia Todo Logo
Online Bible

- Advertisements -


Filipifoɔ nwoma 2 - Apam Foforɔ


Nuadɔ

1 Ɔnam sɛ Kristo mu nkuranhyɛ, Kristo dɔ awerɛkyekyerɛ, Kristo Honhom mu ayɔnkofa, Kristo mmɔborɔhunu ne tema ya ho mu nti,

2 homma m’anigyeɛ nwie pɛyɛ: honnya adwene korɔ ne dɔ korɔ, hontena koroyɛ mu na honya botae korɔ.

3 Honnnyɔ bibiaa pɛsɛmenkomenya ne animuonyamhunupɛ mu, na mmom homfiri ahobrɛaseɛ mu mmu afoforɔ te sɛ bɛkyɛne ho.

4 Mmma ho mu biaa nhwɛ nnoɔma a ɔfa ɔno nkoaa ne ho, na mmom honhwɛ nea ɔfa afoforɔ nso ho bi.

5 Honnya adwene a ɔya Kristo Yesu mu heaa bi;

6 “ɔno ne na ɔya Nyankopɔn tebea mu deɛ, nso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ,

7 na mmom ɔtoo ne ho mpan, faa akoa tebea too ne ho so, bɛyɛɛ nipa, na sɛ deɛ ɔyɔɔ n’adeɛ faeɛ he, behuu no sɛ nipa,

8 ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie de kosii wuo mu, ɛɛ! asennua so wuo mu mpo.

9 Yei nti ne Nyankopɔn ama ne so kɛse, na wama no dini a ɔkyɛne dini nyinaa,

10 sɛ Yesu dini mu ne nkotodwe, a ɔya soro, asaase so anaa asaase ase nyinaa nkoto,

11 na kɛtrɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade, ahyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.”


Nkwagyeɛ ho mmɔdemmɔ

12 Saa nti, m’adɔfoɔ, sɛnea hoyɔ setie ma me daa he, ɔnyɛ sɛ berɛ a meya ho nkyɛne nkoaa mu, na mmom seesei a menni ho nkyɛne titire he, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ hoaa ho nkwagyeɛ ho adwuma;

13 efiri sɛ, Nyankopɔn ne yɔ ho mu adwuma, na ɔma ho pɛ a hode yɔ n’adwuma ama asɔ n’ani.

14 Hommfa anwiinwii ne nyiyiano nyɔ bibiaa,

15 na ho ho amma asɛm biaa, na hoadi bem, sɛ Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni bɛ ho, nnɛ abusua a bɔne ahyɛ bɛ ma na bɛamane afiri wiase a hohyerɛn mu sɛ nsoromma,

16 berɛ a hokita nkwa nsɛm he mu dene na ama matumi ahoahoa me ho Kristo da he sɛ mantu mirika hunu anaa manyɔ adwuma hunu.

17 Na mpo, sɛ ɔsɛ sɛ behwie me mogyaa gu sɛ beegu nsa ɔnam ho gyidie ne ho afɔrebɔ nti a, ɔma m’ani gye, na me ne ho nyinaa di ahurusie,

18 na saa ne ɔsɛ sɛ ho nso ho ani gye na ho ne me di ahurusie.

19 Mewɔ anidasoɔ Awurade Yesu mu sɛ ɔnkyɛre biaa mɛsoma Timoteo aba ho nkyɛne, na mete ho ho asɛm a ama me anigyeɛ.

20 Menni biaa a ho yiedie hia no nɔkorem sɛ ɔno,

21 efiri nnipa a bɛaka he deɛ, bɛhwehwɛ nea ohia bɛ nkoaa, na mmom ɔnyɛ Yesu Kristo deɛ.

22 Na Timoteo mudie deɛ, honim, sɛdeɛ ɔne me asom asɛmpa adwuma he mu sɛ agya ne ne ba.

23 Saa nti m’ani da so sɛ, sɛ mehu sɛnea nnoɔma ɔɔkɔ ma me pɛ a, mɛsoma no.

24 Na mewɔ ahotɔsoɔ Awurade mu sɛ me ankasa nso ɔnkyɛre, mɛba.

25 Ne nyinaa akyi, mesusuu sɛ, ohia sɛ mesoma Epafrodito, me nua ne me yɔnko dwumayɔni ne me yɔnko sraani a ɔyɛ ho somafoɔ ne somfo ma me he ma no ba ho nkyɛne,

26 efiri sɛ, n’ani agyina ho nyinaa na ɔha no sɛ hotee sɛ ɔyare.

27 Ampa, ɔyare paa sɛ nka oowu. Nso Nyankopɔn huu no mmɔbɔ, na nyɛ ɔno nkoaa me nso waahu me mmɔbɔ bi, sɛ ɔbɛyɛ a menhu awerɛhoɔ ntoa awerɛhoɔ so.

28 Nti ne me ho pre me kɛse sɛ mɛsoma no ho nkyɛne, na sɛ hohu no bio a hoadi ahurusie, na m’adwendwene so ate.

29 Nti homfa anigyeɛ nnye no fɛ so Awurade mu, honni nnipa a bɛte saa he ni,

30 efiri sɛ, oduru wuo ne nkwa nkwanta, Kristo adwuma nti, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔdeɛ sɛ obesi ho anane mu asom me.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Follow us:



Advertisements