Online Bible

- Advertisements -


Efesofoɔ INTRO1 - Apam Foforɔ

1

NNIANIMU
Deɛ odi kane koraa ya krataa a Paulo de kɔmaa Efesofoɔ he mu he fa “[Nyankopɔn] nhyehyɛeɛ a ɔda hɔ sɛ berɛ pa mu he, ɔbɛka nnoɔma a ɔya soro ne nea ɔya asaase so nyinaa abom ne mu” (1:10). Ɔsane nso yɛ adesrɛ a ɔde to Nyankopɔn nkurofoɔ anim sɛdeɛ ɔbɛyɛ ama saa nhyehyɛeɛ pa yi a Nyankopɔn pɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa ka bom ya Kristo mu he ada adi.
Fa a odi kane ya Efesofoɔ nwoma yi mu he, twerɛfoɔ he ma yehu nkabom sɛ asɛm titire. Ɔkasa fa kwane a Nyankopɔn a ɔyɛ Agya afa so ayi ne nkurofoɔ ne sɛdeɛ ɔnam ne ba Yesu so de yɛ bɔne akyɛ yɛ na wɔayi yɛ afiri bɔne mu, ɔne sɛdeɛ ɔde ne Honhom Kronkron asɔ ne bɔhyɛ kɛseɛ he ano. Fa a ɔtɔ so mmienu mu he, ɔde adesrɛ to n’akenkanfoɔ anim sɛ bɛnnante sɛdeɛ ɔbɛyɛ na bɛ baakoyɛ a ɔya Kristo mu he bɛyɔ adwuma bɛ nyinaa bɛ mu.
Ɔnam kasasu ahodoɔ so de kyerɛkyerɛ Nyankopɔn nkurofoɔ baakoyɛ a ɔya bɛ ne Kristo nkabom he mu: Asafo he te sɛ nipadua a Kristo ne tire; anaa asafo he te sɛ dane a Kristo ne tweasotiboɔ; anaa asafo he te sɛ yere a Kristo ne kunu. Ɔtwerɛɛ sɛdeɛ Nyankopɔn adom a ɔya Kristo mu nimdeɛ teɛ. Ɔhwɛɛ bibiaa sɛdeɛ ɔteɛ ya Kristo dɔ, n’afɔrebɔ, ne fakyɛ, n’adom ne n’ahoteɛ mu.
MU NSƐM
Nsɛm a odi kane 1:1-2
Kristo ne asafo he 1:3—3:21
Nkwa foforɔ a ɔya Kristo mu 4:1—6:20
Awieeɛ 6:21-24

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Follow us:



Advertisements