NNIANIMU
Adwene mu sakasaka a ɔfa Kristo mmaeɛ he ho kɔɔ soaa de haw baa Tesalonika asafo he mu. Krataa a ɔtɔ so mmienu a Paulo de kɔmaa Tesalonikafoɔ he ka gyidie bi a na ɔya hɔ sɛ da a Awurade bɛba he aba dada he ho asɛm. Berɛ a Paulo ɔɔkyerɛkyerɛ bɛ mu he, ɔtwee bɛ adwene sii so sɛ, ansa na Kristo bɛba he, bɔne ne amumuyɔ beduru ne mpɔmpɔnsoɔ berɛ a nipa sononko bi a bɛfrɛ no “tirimuɔdenfoɔ he” bɛsɔre atia Kristo.
Somafoɔ yi sii so dua sɛ ohia sɛ n’akenkanfoɔ kita bɛ gyidie mu pintinn ya haw ne yea mu. Bɛnyɔ adwuma sɛdeɛ ɔbɛyɛ na bɛ nsa bɛkɔ bɛ ano, sɛdeɛ Paulo ne ne mfɛfoɔ adwumayɔfoɔ yɔeɛ he, na afei bɛmmrɛ papayɔ mu da.
MU NSƐM
Nsɛm a odi kane 1:1-2
Ayeyie ne abasobɔ 1:3-12
Nhyehyɛeɛ a ɔfa Kristo mmaeɛ ho 2:1-17
Kristoni su ho afotuo 3:1-15
Awieeɛ 3:16-18