This book is not inspired by God and is not part of the Christian canon or the Jewish Tanakh. It is shown only for historical and study purposes. View full explanation Tobit INTRO1 - Twerɛ KronkronNHYƐNMU Tobit nwoma a kane no wɔtwerɛɛ no Hebri anaa Aramaik kasa mu no, ka mmoa a ɛyɛ nwanwa a Nyankopɔn nkurɔfoɔ nokwafoɔ nya ho asɛm. Bio, ɛsan kyerɛkyerɛ Yudafoɔ nyamesom pa ne ɔbrasu ho. Nwoma no twa Yudafoɔ som ne wɔn amammerɛ mfonini ma wɔhu no yie wɔ mmerɛ a ɛdi Apam Foforɔ anim no mu. EMU NSƐM Tobit wɔ Ninewe, na Sara wɔ Media hunu amane bɔ mpaeɛ 1.1—3.5 Wɔnya wɔn mpaeɛ ho mmuaeɛ 3.16—11.18 1. Onyankopɔn soma Ɔbɔfoɔ Rafael ma no de wɔn mpaeɛ ho mmuaeɛ ba 3.16, 17 2. Tobit tu ne babarima Tobias fo 4.1-21 3. Rafael ne Tobias tu kwan kɔ Media 5.1—7.12 4. Tobias ware Sara 7.13—9.6 5. Rafael ne Tobias ne Sara san ba, na ɔsa Tobit anifira yadeɛ 10.1—11.18 Ɔbɔfoɔ Rafael da ne ho adi kyerɛ onii korɔ a ɔyɛ 12.1-22 Tobit yi Onyankopɔn ayɛ na ɔtu Tobias fo 13.1—14.15 |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana