Biblia Todo Logo
Online Bible

- Advertisements -




Filipifoɔ nwoma 4:6 - Apam Foforɔ

6 Honnnwene hwee nha ho ho, na mmom homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ mma ho adesrɛ nnuru Nyankopɔn hɔ bibiaa mu.

See the chapter Copy




Filipifoɔ nwoma 4:6
45 Cross References  

Sɛ beyi ho mma a, honnwene sɛnea hobɛkasa anaa deɛ hobɛka; efiri sɛ bɛde deɛ hobɛka he bɛma ho saa berɛ heaa mu;


Na deɛ beguu no nkasɛe mu he, ɔno ne nipa a ɔte asɛm he a, wiase adwendwene ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm he, na ne saa nti, ontumi nso aba biaa.


“Nti honnwene kyena ho, efiri sɛ haw a ɔya kyena mu he, dɔɔso ma kyena heaa. Haw a ɔya da biaa mu he dɔɔso ma da heaa.”


Na ho deɛ honnyɔ sɛ bɛ, efiri sɛ ho Agya nim deɛ ohia ho ansa na hoobisa no.


Nso Awurade buaa no sɛ, “Marta, Marta, wodwendwene bebree na wode nnoɔma pii ha wo ho.


Afei Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Yei nti, meeka akyerɛ ho sɛ, honnwennwene ho kra ho, nea hobedi anaa ho nipadua anaa nea hobɛhyɛ ho,


Nti, honnhwehwɛ nea hobedi ne nea hobɛnom, na honnwennwene nnha ho ho;


Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.


Nɔkwasɛm di, ewom sɛ Nyankopɔn ma ne bo dwo kyɛre ma ho deɛ, nso ommu atɛntenenee mma bɛ a wayi bɛ a besu frɛ no awia ne anadwo he anaa? Nti, ɔbɛtwentwɛne ne nane ase bɛ ho anaa?


Bɛfrɛɛ wo he na woyɛ akoa? Mma no nha wo koraa. Nso sɛ wobetumi ade wo ho nso a, de wo ho.


Mepɛ sɛ hode ho ho firi adwendwene ho. Deɛ ɔnwareɛ he dwene Awurade dwumadie ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ Awurade ani;


Deɛ ho nso hobetumi ayɔ aboa ne sɛ hobɛsrɛ ama yɛ, na ama nnipa pii ada ase ama yɛ ya deɛ nnipa pii mpaebɔ nti bɛde adom yɛ he ho.


na homfa aseda mma Agya Nyankopɔn daa adeɛ nyinaa mu, yɛ Awurade Yesu Kristo dini mu.


Homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa Honhom mu. Afei nso, homma ho ani nna hɔ na honkɔ so nsrɛ mma ahoteefoɔ nyinaa.


Na homma Kristo asomdwie nni hene ho akoma mu, na ɔno mu ne bɛafrɛ ho aba nipadua baako mu. Na honnyɛ boniayɛfoɔ.


Na nea hobɛyɔ biaa, kasa mu oo, nneyɔeɛ mu oo, honyɔ bibiaa Awurade Yesu dini mu, na homfa ne so mfa aseda mma Agya Nyankopɔn.


Honkura mpaebɔ mu, na homfa aseda nwɛne mpaebɔ mu.


Afei, nea odi kane, metu fo sɛ homfa adesrɛ, mpaebɔ, dima ne aseda mma nnipa nyinaa,


Kunafoɔ baa a onni boafoɔ he de n’ani to Nyankopɔn so na okura nkotosrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia;


Nnoɔma nyinaa awieeɛ abɛne. Saa nti homma ho adwene mu nna hɔ, na ho ani nna hɔ mma mpaeɛ.


Homfa ho dadwene ne ho haw nyinaa nto ne so, efiri sɛ, ɔdwene ho ho.


Follow us:

Advertisements


Advertisements