7 Nso adenya biaa a menyaeɛ he Kristo nti, mebuu yeinom adehunu.
Na sɛ bi nya wiase nyinaa na ohwere ne kra a mmɛ mfasoɔ ne obenya? Anaa mmɛ ne bi bɛma de asesa ne kra?
Nti ɔtoo n’ataadeɛ guiɛ, ohuru gyinaeɛ, na ɔkɔɔ Yesu nkyɛne.
“Sɛ bi ba me nkyɛne na w’annɔ me asene ne papa ne ne maame ne ne yerɛ ne ne mma ne ne nuammeemanom ne ne nuammaanom ne n’ankasa mpo kra a, ontumi nyɛ me suani.
Nti, honhu sɛ, ho mu biaa a onnya n’ahodeɛ nyinaa hɔ he ntumi nyɛ me suani.
Na fiewura he kamfõõ fiehwɛfoɔ nitefoɔ he, efiri sɛ ɔde n’adwene yɔɔ adwuma; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mu mma yɛ anitefoɔ sene hann mma bɛ mfɛfoɔ mu.
Biaa didi meeɛ he, hyɛne he mu adwumayɔfoɔ he too aburo a ɔya hyɛne he mu he guu po he mu maa hyɛne he mu yɛɛ hare.
Obuu amaneɛ a Kristo nti obehu he kyɛnee Misraim ahonyadeɛ, efiri sɛ na ɔɔhwɛ akatua a ɔda n’anim he kwane.