“Meyɛ Yudani a bɛwoo me Tarso a ɔya Kilikia, nso bɛtetee me kuro yi mu, na metenaa Gamaliel nane ase suaa adeɛ. Na ɔkyerɛkyerɛɛ me nananom Mmara he pɛpɛɛpɛ, na mebɔɔ Nyamesom ho mmɔdene sɛnea ho nyinaa yɔ nnɛ yi.
Paulo huu sɛ nnipa he bi yɛ Sadukifoɔ na binom nso yɛ Farisifoɔ he, ɔteaa mu Sanhedrin badwa he mu sɛ, “Anuanom, meyɛ Farisini, Farisifoɔ ba. Wusɔreɛ ho anidasoɔ ho nti ne beebu me atɛne yi.”
Na afei nna he mu a na asuafoɔ he ɔɔdɔɔso he, Yudafoɔ na beka Hela kasa a ɔno nti ne bɛfrɛ bɛ Helenifoɔ he nwiinwii tia Hebrifoɔ he, efiri sɛ na bebu bɛ ani gu Helenifoɔ akunafoɔ he daa daa aduane ma dwumadie so.