Biblia Todo Logo
Online Bible

- Advertisements -




Filipifoɔ nwoma 3:10 - Apam Foforɔ

10 Mepɛ sɛ mehu Kristo, ɔne ne wusɔreɛ tumi, na manya ne brɛ he mu kyɛfa de me ho ama wuo a ɔte sɛ ne deɛ he,

See the chapter Copy




Filipifoɔ nwoma 3:10
34 Cross References  

Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Kuruwaa a mɛnom he deɛ ho nso hobɛnom, nso sɛ hobɛtena me nsa nifa ne benkum so deɛ, ɔnnyɛ me ne mede bɛma, na mmom, ɔya hɔ ma bɛ a m’ Agya asiesie de ama bɛ.”


Biaa nnye mfiri me nsam, na m’ankasa ne mefiri mepɛ mu de to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi sɛ mesane fa bio. Menyaa yei ho ahyɛdeɛ firii m’Agya nkyɛne.”


Na yei ne daa nkwa sɛ bebehu wo, wo a aoyɛ Nyankopɔn kann koro he, ne Yesu Kristo nea wasoma no he.


na sɛ yɛyɛ mma a, hedeɛ yedi adeɛ nso, yɛyɛ Nyankopɔn adedifoɔ, na yɛ ne Kristo bom di adeɛ; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ ne no hu amaneɛ a, saa ara nso ne bɛbɛhyɛ yɛne no animuonyam abom.


Na bɛ a ohuu bɛ sieeɛ he, oyii bɛ too hɔ sɛ bɛnsɛ ne Ba he, sɛnea ɔbɛyɛ a ne Ba he bɛyɛ abakane nnipa bebree mu.


Sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Wo nti beku yɛ daa; bebu yɛ sɛ dwane a bɛɛkɔ ku no.”


Deɛ ɔgyee yɛ firii wuo amena mu he bɛkɔ so agye yɛ; ne so ne yɛ ani da sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛ.


Na sɛdeɛ Kristo amaneɛ a Kristo nti yehuiɛ dɔɔso he, saa ara nso ne yɛ awerɛkyekyerɛ dɔɔso Kristo mu.


Bɛbɔɔ no asennua mu sɛ nipa a ɔmerɛ, nso ɔnam Nyankopɔn tumi so te ase. Na yɛ nso yɛyɛ mmerɛ ne mu deɛ, nso yɛne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase ho fam.


na ɔnyɛ me ne mete ase bio, na mmom ɔyɛ Kristo ne te me mu, nɔkwasɛm ne sɛ m’ase a mete no honam mu seesei yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho maa me he mu gyidie mu.


Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, mma biaa nhyɛ me brɛ; efiri sɛ mewɔ Yesu ahyɛnsodeɛ me nipadua mu.


kosi sɛ yɛ nyinaa beduru Nyankopɔn Ba he ho gyidie baakoyɛ ne nimdeɛ mu, na yɛbɛwie nyini honhom mu, adi mu sɛnea Kristo a ɔyɛ susudua a ɔyɛ pɛ he teɛ;


Nɔkwasɛm ne sɛ, mebu nnoɔma nyinaa adehweredeɛ, ɔnam m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ he boɔ a ɔkyɛne so he nti. Ɔno nti mahwere nnoɔma nyinaa, na mebu adeɛ nyinaa sumina so adeɛ, na manya Kristo,


Afei ho nti, m’ani gye m’ahohiahia mu, efiri sɛ, me honam mu amanehunu he da Kristo amanehunu he adi, ɔnam ne nipadua ne asafo he nti.


Na berɛ a na hoawu ya ho mfomsoɔ ne honam ne twetiatwa mu he, Nyankopɔn maa ho ne no baa nkwa mu bio. Nyankopɔn nam adom so de yɛ mfomsoɔ nyinaa kyɛɛ yɛ,


Nti sɛ bɛanyane ho ne Kristo a, honhwehwɛ soro nnoɔma, faako a Kristo ya a ɔte Nyankopɔn nsa nifa so.


Nhyira nka yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn; saa Nyankopon yi ne yɛ n’Agya nso. Esiane n’ahummɔborɔ pii nti, ɔnam nyane a onyanee Yesu Kristo firii wuo mu he so maa yɛ nkwa foforɔ. Yei ama yɛanya anidasoɔ a atim,


Nso megye di sɛ, ohia sɛ mmerɛ tentene a mete ase yi, mebɔ ho nkaeɛ kanyane ho saa asɛm yi ho.


Adeɛ paa a ɔkyerɛ sɛ yennim Nyankopɔn ne sɛ, yebedi ne mmara so.


Na biaa a odi Nyankopɔn asɛm so he, ɔno mu ne Nyankopɔn dɔ he awie pɛyɛ. Yei ne ma yenya ahotɔsoɔ sɛ yɛte ne mu.


Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa.


Follow us:

Advertisements


Advertisements