Biblia Todo Logo
Online Bible

- Advertisements -




Filipifoɔ nwoma 2:5 - Apam Foforɔ

5 Honnya adwene a ɔya Kristo Yesu mu heaa bi;

See the chapter Copy




Filipifoɔ nwoma 2:5
16 Cross References  

Homfa me konnua nto ho ho so, na honsua me, efiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu, na hobenya homee ama ho kra.


Na hwane ne yɛ kɛseɛ, nea ɔte adidipono ho anaa nea ɔɔsom? Ɔnyɛ nea ɔte adidipono ho he a? Me mmom deɛ, meya ho mu sɛ somfo.


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


Yei nyinaa mu he mede ayɔ nhwɛsoɔ ama ho sɛ ɔsɛ sɛ yɛyɔ adwuma de boa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, na yɛkae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ, ‘Nhyira ya ma mu sene gyeɛ.’ ”


Sɛ aduane a wodi sɛe wo nua ahonim a, hedeɛ na ɔnyɛ dɔ mu ne woonante he. Mma aduane a wodi he nto bi a Kristo wu maa no he sintidua.


efiri sɛ Kristo ammɛsɔ ɔnoaa ankasa ani; na mmom, sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Atɛm a bedii wo he abegu me so.”


Boasetɔ ne awerekyekyerɛ Nyankopɔn he mma ho ntena asomdwie mu, sɛnea ɔfata Kristo Yesu,


sɛdeɛ meyɔ sɛ mɛsɔ nnipa nyinaa ani nea meyɛ biaa mu he, ɔnyɛ me nkoaa me yieyɔ nti, na mmom, nnipa nyinaa deɛ nso, sɛdeɛ bebenya nkwa.


na hontena dɔ mu, sɛnea Kristo dɔɔ yɛ na ɔde ne ho maeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a oohwam ma Nyankopɔn, ɔnam yɛ nti.


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, twerɛ krataa yi de kɔma Kristo Yesu mu ahoteefoɔ a bɛya Filipi, ɔne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ.


Na yei nti ne Nyankopɔn frɛɛ ho, efiri sɛ, Kristo he ankasa huu amanneɛ maa ho de saa nhwɛso he gya ho, sɛnea hobedi n’anammɔno akyi.


Esiane sɛ Kristo huu amane ne honam mu nti, ho nso homfa adwene korɔ heaa bi mfa nhyɛ ho ho dene. Efiri sɛ, biaa a ohu amane honam mu he ne bɔne nni bibiaa yɔ.


Ɔsɛ sɛ biaa a ɔka sɛ ɔte ne mu he bɔ ne bra sɛ ɔnoaa pɛpɛɛpɛ.


Follow us:

Advertisements


Advertisements