Biblia Todo Logo
Online Bible

- Advertisements -




Filipifoɔ nwoma 2:30 - Apam Foforɔ

30 efiri sɛ, oduru wuo ne nkwa nkwanta, Kristo adwuma nti, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔdeɛ sɛ obesi ho anane mu asom me.

See the chapter Copy




Filipifoɔ nwoma 2:30
15 Cross References  

Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he.


na bekuu bɛ ho maa me, me nkwa ho, na meda bɛ ase, ɔnyɛ bɛ nkoa na mmom Amanamane mufoɔ asafo he nyinaa nso ka ho bi.


Na deɛ ɔporɔ he bɛhyɛ deɛ ɔmporɔ, na deɛ owu he ahyɛ deɛ onwu.


Sɛ Timoteo ba a, honhwɛ na wammɔ hu berɛ a ɔya ho nkyɛne, efiri sɛ ɔɔyɛ Awurade adwuma te sɛ meaa,


Na m’ani gye Stefano ne Fortunato ne Akaiko mmaeɛ he ho, efiri sɛ honni menkyɛne he, bɛne bebesii ho anamu;


Na me deɛ mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama bɛahwere me ama ho kra. Na sɛ medɔ ho maa no boroo so a, ɔsɛ sɛ ho dɔ he sua sene me deɛ?


Nti wuo di dwuma yɛ mu, na nkwa di dwuma ho mu.


Na mpo, sɛ ɔsɛ sɛ behwie me mogyaa gu sɛ beegu nsa ɔnam ho gyidie ne ho afɔrebɔ nti a, ɔma m’ani gye, na me ne ho nyinaa di ahurusie,


Ampa, ɔyare paa sɛ nka oowu. Nso Nyankopɔn huu no mmɔbɔ, na nyɛ ɔno nkoaa me nso waahu me mmɔbɔ bi, sɛ ɔbɛyɛ a menhu awerɛhoɔ ntoa awerɛhoɔ so.


Medi ahurusie pii Awurade mu sɛ afei deɛ hoafiri aseɛ ɔɔdwene me ho bio, na hoodwene me ho, nso hoanya ho kwane anna no adi.


Maanya m’akatua nyinaa, na maanya ama no aboro so; m’ani asɔ paa, sɛ maanya akyɛdeɛ a hode manee Epafrodito he, afɔdeɛ a oohwam, afɔdeɛ a ɔfata na ɔsɔ Nyankopɔn ani.


Na nka mepɛ sɛ ɔtena me nkyɛne, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a nka obesi w’anane mu asom me saa berɛ yi a ɔnam asɛmpa he nti, meya mpokyerɛ mu.


Nso bɛnam Adwamaa he mogyaa so ne bɛ adanseɛ asɛm adi no so nkunim, na bɛannɔ bɛ kra, mpo de kosii wuo mu.


Follow us:

Advertisements


Advertisements