Biblia Todo Logo
Online Bible

- Advertisements -




Filipifoɔ nwoma 2:3 - Apam Foforɔ

3 Honnnyɔ bibiaa pɛsɛmenkomenya ne animuonyamhunupɛ mu, na mmom homfiri ahobrɛaseɛ mu mmu afoforɔ te sɛ bɛkyɛne ho.

See the chapter Copy




Filipifoɔ nwoma 2:3
24 Cross References  

Meka kyerɛ ho sɛ, togyeni he de bembuo sane kɔɔ ne fie sene Farisini he, efiri sɛ, biaa a ɔma ne ho so he bɛbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase he bɛbɛma no so.”


homfa nteaseɛ nnodɔ ho ho yie; homfa anidie mmɔho mma ho ho.


homma yɛmmɔ bra a ɔfata hann mma, ɔnyɛ agobɔne ne nsaboro mu, nyɛ adwamammɔ ne akohwie mu, nyɛ ntɔkwakoo ne aniberebereɛ mu.


nso bɛ a bedi ntuturasɛm; na bɛpo nɔkorɛ na bɛfa kwane a ɔntene so he, bebenya abufuo ne asotwe.


Na me ne asomafoɔ he mu kaakyire, na mensɛ sɛ bɛfrɛ me somafoɔ mpo, efiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo.


Na hoda soaa yɛ honam mufoɔ. Na mprɛ dodoɔ a ahoɔyea ne apereapereɛ da so ya ho mu he, honyɛ honam mufoɔ a hobɔ ho bra sɛnea honam pɛ?


Na mesuro sɛ, sɛ meba a, memmɛto ho sɛnea mepɛ; na menso honhu me sɛnea hopɛ; mesuro sɛ ebia na ntɔkwa, ahoɔyeyaa, abufuo, asinkane, nsekuro, wesewese, ahantan ne sakasakayɛ ya ho mu.


Na mmom, sɛ ho keka na homemene ho ho a, honhwɛ yie na hoansɛe ho ho.


Hommma yɛmpɛ animuonyam hunu, nhyehyɛ yɛ ho yɛ ho abufuo, na hommma yɛ ani mmereberɛ yɛ ho.


ahobrɛaseɛ, dwoɔ, aboterɛ ne abodwokyɛre nyinaa mu, na honnodɔ ho ho ho ho.


Hommrɛbrɛ ho ho ase mma ho ho, ɔnam anidie a howɔ ma Kristo nti.


Hommfa anwiinwii ne nyiyiano nyɔ bibiaa,


Ɔnam sɛ, hoyɛ nnipa a Nyankopɔn ayi ho a hoyɛ kronkron na ɔdɔ ho nti, homfa mmɔborɔhunu, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ, dwoɔ ne ntoboaseɛ mmɔ ho bra.


Na seesei deɛ, honnyi saa nnoɔma yeinom: abufuo, kokobɔne, bɔnepɛ, nantitwitwa ne kasafi mfiri ho anum koraa.


ɔyɛ nipa a ahomasoɔ ahyɛ no ma, onnim hwee, n’asɛm yɛ twintwann, na ɔgye asɛm biaa ho akyinnye ma no de ahoɔyeya, mpaepaemu, nantitwitwa, nnipa ho adwemmɔne,


N’awieeɛ ne sɛ, ho nyinaa hontena ase asomdwie mu. Honnya tema mma ho ho ho ho. Honnodɔ ho ho ho ho, na honyɛ ahummɔborɔ, na hommrɛ ho ho ase.


Saa ne ɔsɛ sɛ mmabunu, hobrɛ ho ho ase ma mpanyimfoɔ. Ho nyinaa mfa ahobrɛaseɛ nkatanim mmɔ ho asene na honsom ho ho ho ho efiri sɛ, “Nyankopɔn si ahantanfoɔ kwane na ɔdom ahobrɛaseɛfoɔ.”


Follow us:

Advertisements


Advertisements