Biblia Todo Logo
Online Bible

- Advertisements -




Filipifoɔ nwoma 2:13 - Apam Foforɔ

13 efiri sɛ, Nyankopɔn ne yɔ ho mu adwuma, na ɔma ho pɛ a hode yɔ n’adwuma ama asɔ n’ani.

See the chapter Copy




Filipifoɔ nwoma 2:13
39 Cross References  

“Honnsuro! Nwankuo ketewa, efiri sɛ ɔsɔ ho Agya ani sɛ ɔde ahennie he bɛma ho.


“Animuonyam nka Nyankopɔn sorosoro, na asomdwie nka nnipa a bɛsɔ n’ani asaase so.”


Yohane buaa sɛ, “Nipa ntumi nya bibi gye sɛ bɛde firi soro ama no.


Bɛatwerɛ ya adiyifoɔ he mu sɛ, ‘Nyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ bɛ nyinaa.’ Biaa a wate bibi afiri Agya he nkyɛne na wasua he ne ba me nkyɛne.


Na ɔkaa sɛ, “Yei nti ne meka kyerɛ ho sɛ biaa ntumi mma me nkyɛne gye sɛ Agya he ama no kwane.”


Na Awurade nsa ya bɛ so, na nnipa pii bɛyɛɛ agyidifoɔ dane baa Awurade nkyɛne.


Na menam adom a bɛde ama me he so, meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu biaa mmu ne ho ntra sɛnea ɔsɛ sɛ obu ne ho, na mmom, biaa nya anidahɔ adwene, sɛnea Nyankopɔn asusu gyidie ama ho he.


Berɛ a na bennya nwoo bɛ mmaa bɛmmɛyɔɔ papa anaa bɔne bibiaa mu mpo he (sɛnea ɔbɛyɛ a Nyankopɔn botaeɛ a ɔde yi bi berɛ a,


Ne saa nti onyina nipa pɛ anaa nhyɛ so, na mmom Nyankopɔn a ohu mmɔbɔ he so.


na dwumadie nso gu ahodoɔ, nso Nyankopɔn baako he a ne di dwuma he nyinaa bɛ nyinaa bɛ mu.


Nso Nyankopɔn adom nti ne mete sɛdeɛ meteɛ yi, na n’adom a ɔya me so he nyɛ kwa. Mmom meyɛ adwuma sene bɛ nyinaa— ɔyam sɛ na ɔnyɛ me deɛ, na mmom sɛdeɛ Nyankopɔn adom a ɔte me mu he teɛ.


Ɔnyɛ sɛ yɛfata sɛ yebesusu ahu bibi sɛ ofiri yɛ mu; na mmom fata a yɛfata he firi Nyankopɔn mu.


Kristo heaa mu ne wayɔ yɛ adedifoɔ nso, sɛnea nnoɔma nyinaa ne ne pɛ agyinatuo teɛ, bɔɔ ne tim pɔ hyehyɛ too hɔ he,


Nyankopɔn nam Yesu Kristo so yii yɛ sii hɔ sɛ ne mma, sɛnea ɔpɛ na ɔsɔ n’ani,


Na waama yɛahu nyansa nyinaa ne nhunumu ahintasɛm a ɔpɛ he, sɛnea osiesiee no Kristo mu he.


Na adom ne ama bɛnam gyidie so agye ho nkwa, na omfiri ho ankasa; ɔyɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ a


Yei nti yɛbɔ mpaeɛ ma ho daa, sɛ yɛ Nyankopɔn bɛma hoafata ne frɛ he, na wafa tumi so ama n’ayamyɛ anidasoɔ ne gyidie adwuma aba mu,


nea ɔgyee yɛ na ɔde frɛ kronkron frɛɛ yɛ, ɔnyɛ yɛ nnwuma nti, na mmom ɔnam ɔnoaa ne tirimpɔ ne n’adom a ɔde mmaeɛ Kristo Yesu mu firi mmeresantene.


mma ho nni mu nnoɔma nyinaa mu na hoayɔ nea ɔpɛ, deɛ ɔyɔ ho mu adwuma he mfa Yesu Kristo so, sɛdeɛ ɔsɔ n’ani. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


Nhyira nka yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn; saa Nyankopon yi ne yɛ n’Agya nso. Esiane n’ahummɔborɔ pii nti, ɔnam nyane a onyanee Yesu Kristo firii wuo mu he so maa yɛ nkwa foforɔ. Yei ama yɛanya anidasoɔ a atim,


Follow us:

Advertisements


Advertisements