Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,
Ɔyɛ sɛ mɛdwene saa afa ho nyinaa ho ho, efiri sɛ hoda m’akoma so, na ho nyinaa ho ne me kyɛ Nyankopɔn adom he, m’afiase mpokyerɛ ne asɛmpa he ho anoyie ne ne denhyɛ berɛ mu.
Saa nti, m’adɔfoɔ, sɛnea hoyɔ setie ma me daa he, ɔnyɛ sɛ berɛ a meya ho nkyɛne nkoaa mu, na mmom seesei a menni ho nkyɛne titire he, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ hoaa ho nkwagyeɛ ho adwuma;
Afei nso, mesrɛ wo, me yɔnko dwumayɔni, sɛ boa saa mmaa yi, na bɛaberɛ me ho asɛmpa adwuma he mu, bɛ ne Klemens ne me yɔnkonom adwumayɔfoɔ dodoɔ a bɛ dini ya nkwa nwoma mu he.
Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.
nea yɛahu na yɛate he ne yɛɛka akyerɛ ho nso, sɛnea ɔbɛyɛ a ho ne yɛ benya ayɔnkofa. Bio nso saa ayɔnkofa yi ya yɛne Agya he ne ne Ba Yesu Kristo ntam.