Biblia Todo Logo
Online Bible

- Advertisements -




Filipifoɔ nwoma 1:11 - Apam Foforɔ

11 na tenenee aba a ɔnam Yesu Kristo so ba he ahyɛ ho ma ama Nyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.

See the chapter Copy




Filipifoɔ nwoma 1:11
34 Cross References  

Ne saa nti homma ho kanea nhyerɛn mma nnipa nyinaa, na bɛahu ho nnwuma pa na bɛahyɛ ho Agya a ɔya soro he animuonyam.


Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.


Mmane biaa ɔnso aba he, oyi firi ho; na nea ɔsõ aba he oyiyi ho ma ne so bebree.


Nea ɔhyɛ m’Agya animuonyam ne sɛ hobɛkɔ so aso aba bebree na hoada ho ho adi sɛ m’asuafoɔ.


Nti, sɛ mewie saa adeɛ yi a, na mede nea bɛagyegye he ma bɛ a, mɛfa ho nkyɛne akɔ Spania;


Nso afei a hoade ho ho afiri bɔne ho yi, ho abɛyɛ Nyankopɔn nkoa, mfasoɔ a honya ne ahoteɛ. N’awieeɛ ne daa nkwa.


Nti sɛ hodidi oo, honom oo, hoyɛ bibiaa oo, honyɔ ne nyinaa nhyɛ Nyankopɔn animuonyam.


Nea ɔde aba ma gufoɔ na ɔma nipa aduane di he bɛma ho aba a hobegu he adɔɔso na wama ho tenenee aba ayɛ bebree.


sɛnea ɔbɛyɛ a yɛ a yedii kane nyaa Kristo mu anidasoɔ he, yɛbɛtena ase ama n’ayeyie animuonyam.


yei ne yɛ agyapadeɛ he nyinasoɔ kosi sɛ yɛ nsa bɛka ama yɛayi Nyankopɔn ayɛ animuonyam mu.


Nti seesei yɛabɛyɛ abɔdeɛ a Nyankopɔn bɔɔ yɛ Kristo mu maa nnwuma pa a wasiesie ato hɔ dadaada sɛ yɛmma yɛ abrabɔ nyɛ saa he.


na hann aba da adi papa ne tenenee ne nea ɔyɛ nɔkorɛ nyinaa mu.


Ɔnyɛ sɛ na mehia akyɛdeɛ he, na mmom mehwehwɛ aba deɛ ɔbɛma ho nkonta adɔɔso.


na hoabɔ bra a ɔfata Awurade, a ɔsɔ n’ani koraa, berɛ a hooso aba nnwuma pa nyinaa mu, na ho akɔ so anya Nyankopɔn ho nimdeɛ pii nso.


a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.


na bɛahyɛ yɛ Awurade Yesu dini animuonyam ho mu, na bɛahyɛ ho nso animuonyam ne mu, sɛnea yɛ Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom he teɛ.


Na ma yɛ nkurofoɔ nsua sɛ bebetu bɛ ho asi hɔ ama nnwuma pa na bɛde aboa nnoɔma a ohia paa, na bɛanyɛ nnipa a mfasoɔ nni bɛ so.


Na seeseiaa deɛ atenetene biaa nyɛ anigyeɛ, na mmom ɔyɛ haw, nso akyire yi ɔsõ asomdwie aba a ɔyɛ tenenee ma bɛ a bɛfa saa nteteɛ he mu.


Hommɔ bra pa ya amanamane mufoɔ a hofra bɛ mu he mu, na sɛ bɛka ho ho nsɛm sɛ hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ a, bɛahu ho papa a hoayɔ he nso nam so ahyɛ Nyankopɔn animuonyam, “nsrada” he.


Ho nso hote sɛ aboɔ a nkwa yam a bɛnam so oosi honhom mu dane a ɔbɛyɛ asɔfokuo Kronkron a bɛnam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɔsɔ Nyankopɔn ani ya mu.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


Nhyira nka ho sɛ Kristo dini nti bɛya ho, efiri sɛ animuonyam honhom a ɔyɛ Nyankopɔn honhom he ya ho so.


Follow us:

Advertisements


Advertisements