This book is not inspired by God and is not part of the Christian canon or the Jewish Tanakh. It is shown only for historical and study purposes. View full explanation Tobit 5:17 - Twerɛ Kronkron17 Ɛno nti Tobit ka kyerɛɛ no sɛ: Nhyira nka wo, me nua. Ɛnna afei ɔfrɛɛ ne ba no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔba, siesie ɔkwan so aduane na wone wo nua nkɔ. Ɔsoro Nyankopɔn mfa mo nkɔ na ɔnsan mfa mo mmɛduru akwanhosan mu mmrɛ me; na me ba, ne bɔfoɔ nka mo baanu ho mfa mo nkɔ dwoodwoo. Na ansa na ɔrebɛtu ne kwan no, ɔfee n’agya ne ne na ano. Afei Tobit ka kyerɛɛ no sɛ: Monnante yie. See the chapterKYERƐW KRONKRON17 Na Tobit see no sɛ: Me nua, nhyira nka wo. Na ɔfrɛɛ ne ba Tobias see no sɛ: Boaboa wo ho ma akwantu no, na wo ne wo nua yi nkɔ. Ɔsorosoro Nyankopɔn ne n'abɔfo nka mo ho, na ɔnsan mfa mo mmra asomdwoe mu. Enti Tobias few n'agya ne ne na ano, de kraa wɔn. Na Tobit see no sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ. See the chapter |