This book is not inspired by God and is not part of the Christian canon or the Jewish Tanakh. It is shown only for historical and study purposes. View full explanation Tobit 3:15 - Twerɛ Kronkron15 na mangu me anaa m’agya din ho fi wɔ me dommum asase so. Meyɛ m’agya ba koro; na ɔnni ba biara a ɔbɛdi n’adeɛ, ɔnni busuani a ɔbɛn anaa onua foforɔ bi a mɛkora me ho ama no sɛ ɔyere. Me kununom baason adi kan awuwu dada. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ metena aseɛ? Nanso sɛ ɛnsɔ w’ani sɛ wobɛgye me nkwa afiri me nsam a, O Awurade, ɛnneɛ tie me wɔ m’animguaseɛ mu. See the chapterKYERƐW KRONKRON15 Nso minnguu me din ho fi ɛ anaa m'agya din ho fi ɛ wɔ me nnommum asase so. M'agya di me ɔba koro, na onni ba a ɔbedi n'ade na onni busuani biara a mede me ho bɛfam sɛ ɔyere. Me kununom baasɔn awuwu dedaw. Meda so te ase yɛ dɛn? Nanso ɛnyɛ fɛ mma wo sɛ mekum me ho, Tie me wɔ m'animguase yi mu. See the chapter |