This book is not inspired by God and is not part of the Christian canon or the Jewish Tanakh. It is shown only for historical and study purposes. View full explanation Tobit 2:1 - Twerɛ Kronkron1 Na Esar-hadon ahennie berɛ soɔ no, mesane kɔɔ fie, na wɔde me yere ne me babarima Tobias sane maa me. Yɛn afahyɛ Pentekoste a ɛyɛ nnawɔtwe nson afahyɛ kronkron mu no, wɔnoaa aduane pa maa me na metenaa ase sɛ meredidi. See the chapterKYERƐW KRONKRON1 Bere a miduu fie no, me yere Anna ne me ba Tobias san bɛkaa me ho bio. Na eduu Pentekoste afahyɛ a ɛho tew a wodi no nnanson no, wosiesiee aduan pa maa me, na metenaa ase sɛ merebedidi. See the chapter |